id
string
language
string
text
string
duration
float64
source_file
string
audio
audio
Akuapem_Twi_twi_00000201
Akuapem_Twi
Na Benyaminfo no mu fa kɛse no taa Saulo akyi ara.
2.58
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000202
Akuapem_Twi
Akofo akɛse a wofi Efraim abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduonu ne ahanwɔtwe a wɔn mu biara agye din wɔ nʼabusua mu.
7.24
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000203
Akuapem_Twi
Manase abusuakuw fa a na ɛwɔ Yordan atɔe fam no nso, wotuu mmarima mpem dunwɔtwe a wɔn botae ara ne sɛ wɔbɛboaa Dawid ma wadi hene.
7.781
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000204
Akuapem_Twi
Ntuanofo a wofi Isakar abusuakuw mu ne wɔn abusuafo dodow yɛ ahannu.
3.46
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000205
Akuapem_Twi
Na saa mmarima yi nyinaa te nsɛm a ɛrekɔ so saa bere no ase, na wonim ɔkwan pa a eye ma Israel nso.
4.92
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000206
Akuapem_Twi
Akofo a wɔakwadaw akodi mu a wofi Sebulon abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduonum .
5
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000207
Akuapem_Twi
Na wɔakɔ amia mu ayɛ krado ama akodi, na na wɔtaa Dawid akyi pintinn.
4.16
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000208
Akuapem_Twi
Wɔn a wofi Naftali abusuakuw mu no yɛ asraafo mpanyimfo apem ne akofo akɛse mpem aduasa ason a wokurakura nkatabo ne mpeaw.
7.22
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000209
Akuapem_Twi
Akofo a wofi Dan abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduonu awotwe ne ahansia a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko.
5.82
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000210
Akuapem_Twi
Akofo akɛse a wɔatetew wɔn yiye a wofi Aser abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduanan a wɔn nyinaa ayɛ krado ama ɔko.
6.7
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000211
Akuapem_Twi
Ruben, Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa a na wɔtete Asubɔnten Yordan apuei fam no maa asraafo mpem ɔha ne aduonu a wɔwɔ akode ahorow nyinaa.
9.14
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000212
Akuapem_Twi
Saa asraafo yi nyinaa kɔɔ amia mu na wɔkɔɔ Hebron a wɔn botae ara ne sɛ wɔde Dawid bɛyɛ Israelhene.
5.12
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000213
Akuapem_Twi
Nokware, Israel nyinaa adwene kɔɔ bɛnkorɔ mu sɛ, ɛsɛ sɛ Dawid na ɔyɛ wɔn hene.
4.84
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000214
Akuapem_Twi
Wɔne Dawid didi nomee nnansa, efisɛ na wɔn abusuafo no ayɛ ahoboa rehwɛ wɔn kwan.
4.66
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000215
Akuapem_Twi
Nnipa bi a wofi akyiri te sɛ Isakar, Sebulon, ne Naftali de nnuan tenaa wɔn mfurum, yoma ne anantwi so bae.
6.68
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000216
Akuapem_Twi
Wɔde asikresiam, ɔfam, ɛhyɛ, nsa, ngo, anantwi ne nguan bebree baa afahyɛ no ase.
7.14
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000217
Akuapem_Twi
Anigye a enni kabea baa Israel asase so.
3.84
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000218
Akuapem_Twi
1 BERESOSƐM 13.
5.34
1CH.13.1631
Akuapem_Twi_twi_00000219
Akuapem_Twi
Dawid Pɛ Sɛ Ɔkɔfa Apam Adaka No.
1.38
1CH.13.1631
Akuapem_Twi_twi_00000220
Akuapem_Twi
Dawid ne ne mpanyimfo a nʼasraafo so asahene ne mmapɔmma nyinaa ka ho, tuu agyina.
3.48
1CH.13.1631
Akuapem_Twi_twi_00000221
Akuapem_Twi
Na ɔkasa kyerɛɛ Israelfo a wɔahyia hɔ no nyinaa se, “Sɛ mopene so na sɛ ɛyɛ Awurade yɛn Nyankopɔn pɛ a, momma yɛmfa nkra nkɔma Israelfo a wɔwɔ ɔman no afanan nyinaa a asɔfo ne Lewifo a wɔwɔ nkurow so ne adidibea ka ho.
12.12
1CH.13.1631
Akuapem_Twi_twi_00000222
Akuapem_Twi
Momma yɛnto nsa mfrɛ wɔn, na wɔmmɛka yɛn ho.
2.22
1CH.13.1631
Akuapem_Twi_twi_00000223
Akuapem_Twi
Bere adu sɛ yɛsan de yɛn Nyankopɔn Apam Adaka no ba, efisɛ Saulo ahenni bere so no, yɛampɛ anhwɛ.
5.5
1CH.13.1631
Akuapem_Twi_twi_00000224
Akuapem_Twi
” Bagua no penee saa asɛm yi so efisɛ wohuu sɛ, wɔyɛ saa a, eye.
3.7
1CH.13.1631
Akuapem_Twi_twi_00000225
Akuapem_Twi
Enti Dawid frɛɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa, efi ɔman no ti kosi ti, sɛ wɔmmɛka ne ho na wɔmfa Onyankopɔn Apam Adaka no mfi Kiriat-Yearim mmra.
8.1
1CH.13.1631
Akuapem_Twi_twi_00000226
Akuapem_Twi
Afei, Dawid ne Israelfo no nyinaa kɔɔ Baala a na wɔfrɛ no Kiriat-Yearim a ɛwɔ Yuda no sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn Apam Adaka a wɔde ahyɛ kerubim ntam na Awurade din da so no aba.
10.28
1CH.13.1631
Akuapem_Twi_twi_00000227
Akuapem_Twi
Wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no sii teaseɛnam foforo so de fii Abinadab fi a Usa ne Ahio rekyerɛ kwan.
5.26
1CH.13.1631
Akuapem_Twi_twi_00000228
Akuapem_Twi
Dawid ne Israelfo nyinaa fii wɔn ahoɔden mu too nnwom, bɔɔ mmɛn ahorow a bi yɛ asanku, mmɛnta, akasae, nnawuru ne ntorobɛnto dii ahurusi, Onyankopɔn anim.
10.86
1CH.13.1631
Akuapem_Twi_twi_00000229
Akuapem_Twi
Nanso woduu Nakon awiporowbea no, anantwi no anan toto maa Usa teɛɛ ne nsa sɛ ɔreteɛ Apam Adaka no.
5.72
1CH.13.1631
Akuapem_Twi_twi_00000230
Akuapem_Twi
Ɛhɔ na Awurade abufuw sɔre tiaa Usa ma owui, efisɛ ɔde ne nsa aka Apam Adaka no.
4.38
1CH.13.1631
Akuapem_Twi_twi_00000231
Akuapem_Twi
Enti Usa wuu wɔ Onyankopɔn anim hɔ ara.
1.62
1CH.13.1631
Akuapem_Twi_twi_00000232
Akuapem_Twi
Dawid bo fuwii, efisɛ Awurade abufuw atia Usa.
3.26
1CH.13.1631
Akuapem_Twi_twi_00000233
Akuapem_Twi
Ɔtoo beae hɔ din Peres-Usa a wɔda so frɛ hɔ saa de besi nnɛ.
3.4
1CH.13.1631
Akuapem_Twi_twi_00000234
Akuapem_Twi
Afei, na Dawid suro Onyankopɔn, na obisae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na matumi de Onyankopɔn Apam Adaka yi aba abɛhwɛ so?
6.04
1CH.13.1631
Akuapem_Twi_twi_00000235
Akuapem_Twi
” Enti Dawid yɛɛ nʼadwene sɛ ɔnna mmfa Apam Adaka no nkɔ Dawid kurow no mu.
3.02
1CH.13.1631
Akuapem_Twi_twi_00000236
Akuapem_Twi
Mmom, ɔde kɔɔ Gatni, Obed-Edom fi wɔ Gat.
2.86
1CH.13.1631
Akuapem_Twi_twi_00000237
Akuapem_Twi
Onyankopɔn Apam Adaka no sii Obed-Edom abusuafo nkyɛn asram abiɛsa.
3.4
1CH.13.1631
Akuapem_Twi_twi_00000238
Akuapem_Twi
Na Awurade hyiraa no ne ne fifo nyinaa.
4.4
1CH.13.1631
Akuapem_Twi_twi_00000239
Akuapem_Twi
1 BERESOSƐM 14.
4.3
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000240
Akuapem_Twi
Dawid Ahemfi Ne Nʼabusua.
1.24
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000241
Akuapem_Twi
Afei, Tirohene Huram somaa abɔfo ne abo adansifo ne nnua dwumfo kɔɔ Dawid nkyɛn sɛ, wonkosi ahemfi mma no.
6.3
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000242
Akuapem_Twi
Afei, Huram san de sida nnua a wɔbɛpae kɔe.
2.32
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000243
Akuapem_Twi
Na Dawid huu sɛ Awurade de no asi Israel so hene, na esiane Israel nti, wayɛ nʼahenni kɛse.
5.32
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000244
Akuapem_Twi
Afei, Dawid waree mmea bebree wɔ Yerusalem, na ɔwowoo mmabarima ne mmabea bebree.
4.78
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000245
Akuapem_Twi
Dawid mmabarima a wɔwoo wɔn wɔ Yerusalem no ne Samua, Sobab, Natan ne Salomo, Yibhar, Elisua, ne Elpelet, Noga, Nefeg ne Yafia, Elisama, Beeliada ne Elifelet.
14.58
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000246
Akuapem_Twi
Dawid Di Filistifo So Nkonim.
1.28
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000247
Akuapem_Twi
Bere a Filistifo tee sɛ wɔasra Dawid ngo ama wadi Israel nyinaa so hene no, wɔboaboaa wɔn asraafo nyinaa ano sɛ, wɔrebɛkyere no.
6.6
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000248
Akuapem_Twi
Na wɔka kyerɛɛ Dawid se wɔreba ne so, enti ɔno nso ne ne mmarima fii kurow no mu kohyiaa wɔn.
4.58
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000249
Akuapem_Twi
Na Filistifo no abedu Refaim bon asɛe hɔ pasaa.
2.64
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000250
Akuapem_Twi
Enti Dawid bisaa Onyankopɔn se, “Mimpue na me ne Filistifo no nkɔko?
3.62
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000251
Akuapem_Twi
Wode wɔn bɛhyɛ me nsa ana?
1.04
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000252
Akuapem_Twi
”.
0.32
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000253
Akuapem_Twi
Awurade buae se, “Yiw, wo ne wɔn nkɔko, na mɛma woadi wɔn so nkonim.
3.06
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000254
Akuapem_Twi
Enti Dawid ne nʼakofo kɔɔ Baal-Perasim kodii Filistifo no so wɔ hɔ.
3.14
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000255
Akuapem_Twi
Dawid teɛɛ mu se, “Onyankopɔn ayɛ!
2.1
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000256
Akuapem_Twi
Ɔnam me so ama mabɔ awura mʼatamfo mu te sɛ, nsuyiri a ano yɛ den.
3.66
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000257
Akuapem_Twi
” Enti, wɔtoo beae hɔ din Baal-Perasim .
4.72
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000258
Akuapem_Twi
Filistifo no gyaw wɔn ahoni nyinaa hɔ nti, Dawid hyɛ ma wɔhyew ne nyinaa.
3.72
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000259
Akuapem_Twi
Nanso ankyɛ biara, Filistifo no san baa obon no mu bio bɛsɛee hɔ.
3.84
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000260
Akuapem_Twi
Dawid bisaa Onyankopɔn nea ɔnyɛ bio.
1.8
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000261
Akuapem_Twi
Onyankopɔn buae se, “Nkɔ tee nkɔtow nhyɛ wɔn so.
2.98
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000262
Akuapem_Twi
Mmom, fa wɔn ho kosi wɔn akyi na montow nhyɛ wɔn so wɔ baabi a ɛbɛn baka nnua no.
4.76
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000263
Akuapem_Twi
Na sɛ mote nnyigye bi te sɛ nnipa bi a wɔrebɔ nsra anan ase wɔ baka nnua no atifi a, montow nhyɛ wɔn so.
6.22
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000264
Akuapem_Twi
Ɛno na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn adi mo anim rekɔka Filistifo no agu.
4.04
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000265
Akuapem_Twi
” Enti Dawid yɛɛ nea Onyankopɔn hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, na ɔkaa Filistifo asraafo no guu fi Gibeon de kosii Geser.
5.6
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000266
Akuapem_Twi
Na Dawid din hyetaa baabiara, na Awurade maa aman no nyinaa suroo Dawid.
5.64
1CH.14.1631
Akuapem_Twi_twi_00000267
Akuapem_Twi
1 BERESOSƐM 15.
4.34
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000268
Akuapem_Twi
Wɔde Apam Adaka No Ba Yerusalem.
1.34
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000269
Akuapem_Twi
Afei, Dawid sisii adan bebree wɔ Dawid kurom.
2.06
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000270
Akuapem_Twi
Bio, osiesiee baabi, sii ntamadan wɔ hɔ a ɔde Onyankopɔn Apam Adaka no besi.
3.52
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000271
Akuapem_Twi
Afei, ɔhyɛɛ se, “Sɛ yɛma Onyankopɔn Apam Adaka no so de rekɔ a, obiara nni ho kwan sɛ ɔsoa bi gye Lewifo no nko ara.
6.22
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000272
Akuapem_Twi
Awurade ayi wɔn sɛ, wɔn nko ara na ɛsɛ sɛ wɔsoa Awurade Apam Adaka no na wɔsom wɔ nʼanim daa daa.
4.6
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000273
Akuapem_Twi
Dawid frɛɛ Israelfo nyinaa kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa Apam Adaka no nkosi faako a wɔasiesie ama no no.
4.36
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000274
Akuapem_Twi
Eyinom ne asɔfo ne Lewifo a wɔfrɛɛ wɔn no: Wɔn a wofi Kohat abusua mu no, na wɔn dodow yɛ ɔha aduonu a Uriel tua wɔn ano.
7
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000275
Akuapem_Twi
Wɔn a wofi Merari abusua mu no, na wɔn dodow yɛ ahannu aduonu , a Asaia da wɔn ano.
4.76
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000276
Akuapem_Twi
Wɔn a wofi Gersom abusua mu no, na wɔn dodow yɛ ɔha aduasa , a Yoel da wɔn ano.
4.08
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000277
Akuapem_Twi
Na Elisafan asefo yɛ ahannu a Semaia da wɔn ano.
2.82
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000278
Akuapem_Twi
Na Hebron asefo yɛ aduɔwɔtwe a Eliel tua wɔn ano.
2.38
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000279
Akuapem_Twi
Na Usiel asefo yɛ ɔha ne dumien a Aminadab tua wɔn ano.
2.94
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000280
Akuapem_Twi
Afei, Dawid frɛɛ asɔfo Sadok ne Abiatar ne saa Lewifo mpanyimfo yi: Uriel, Asaia, Yoel, Semaia, Eliel ne Aminadab.
9.18
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000281
Akuapem_Twi
Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo na moyɛ Lewifo mmusua mu ntuanofo.
3.18
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000282
Akuapem_Twi
Mo ne Lewifo a wɔka mo ho nyinaa nnwira mo ho, sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi de Awurade, Israel Nyankopɔn, Apam Adaka no bɛba beae a masiesie ama no no.
7.14
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000283
Akuapem_Twi
Esiane sɛ kan no mo Lewifo ansoa Apam Adaka no nti, Awurade, yɛn Nyankopɔn, abufuw sɔre tiaa yɛn.
5.9
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000284
Akuapem_Twi
Yɛammisa Onyankopɔn ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ yɛfa so soa.
2.1
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000285
Akuapem_Twi
” Enti asɔfo no ne Lewifo no dwiraa wɔn ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de Awurade, Israel Nyankopɔn Apam Adaka no akɔ Yerusalem.
5.76
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000286
Akuapem_Twi
Na Lewifo no soaa Onyankopɔn Apam Adaka no wɔ wɔn mmati so a, nnua a wɔde soa no hyehyɛ ho pɛpɛɛpɛ, sɛnea Mose hyɛɛ wɔn no.
7.1
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000287
Akuapem_Twi
Dawid hyɛɛ Lewifo mpanyimfo no nso sɛ wɔntew Lewifo nnwontofo kuw, wɔn a wonim nnwonto, ne wɔn a wɔwɔ nnwonto ho nimdeɛ na wɔmfa mmɛnta, mmɛn, asankuten ne kyɛnkyɛn mmɛto anigye nnwom.
11.62
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000288
Akuapem_Twi
Na Lewifo no yii Yoel babarima Heman, Berekia babarima Asaf ne Kusaia babarima Etan a wofi Merari abusua mu, ma wodii nnwontofo no anim.
8.96
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000289
Akuapem_Twi
Woyii saa mmarima yi sɛ wɔn aboafo: Sakaria, Ben, Yaasiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Benaia, Maaseia, Matitia, Elifelehu, Mikneia ne apon ano ahwɛfo Obed-Edom ne Yeiel.
17.98
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000290
Akuapem_Twi
Woyii Heman, Asaf ne Etan sɛ wɔmmɔ kɔbere mfrafrae kyɛnkyɛn no.
4
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000291
Akuapem_Twi
Woyii Sakaria, Asiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Maaseia ne Benaia sɛ wɔmmɔ mmɛnta no.
8.9
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000292
Akuapem_Twi
Woyii Matitia, Elifelehu, Miknela, Obed-Edom, Yeiel ne Asasia sɛ wɔmmɔ asankuten no.
7.12
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000293
Akuapem_Twi
Woyii Kenania a ɔyɛ Lewifo panyin no sɛ ɔnna nnwontokuw no ano, esiane ne nimdeɛ nti.
4.94
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000294
Akuapem_Twi
Woyii Berekia ne Elkana sɛ wɔnwɛn Apam Adaka no.
2.46
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000295
Akuapem_Twi
Sebania, Yosafat, Netanel, Amasai, Sakaria, Benaia ne Elieser a wɔn nyinaa yɛ asɔfo no na wɔbɛto santen adi Onyankopɔn Apam Adaka no anim, ahyɛn ntorobɛnto no.
12.02
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000296
Akuapem_Twi
Woyii Obed-Edom ne Yehia sɛ wɔnwɛn Apam Adaka no.
2.54
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000297
Akuapem_Twi
Wɔsoa Apam Adaka No Kɔ Yerusalem.
1.42
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000298
Akuapem_Twi
Enti Dawid ne Israel mpanyimfo ne asraafo so asahene no de ahokeka a ɛso bi nni kɔɔ Obed-Edom fi sɛ wɔrekɔfa Awurade Apam Adaka no akɔ Yerusalem.
8.1
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000299
Akuapem_Twi
Na esiane sɛ akyinnye biara nni ho sɛ Awurade ka Lewifo a wɔso Awurade Apam Adaka no ho no nti, wɔde anantwinini ason ne adwennini ason bɔɔ afɔre.
7.54
1CH.15.1631
Akuapem_Twi_twi_00000300
Akuapem_Twi
Wɔhyɛɛ Dawid sirikyi atade fɛfɛ bi.
1.82
1CH.15.1631