id
string
language
string
text
string
duration
float64
source_file
string
audio
audio
Akuapem_Twi_twi_00000101
Akuapem_Twi
’ ”.
0.26
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000102
Akuapem_Twi
Enti Hebron hɔ, Dawid ne Israel ntuanofo yɛɛ apam wɔ Awurade anim.
3.86
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000103
Akuapem_Twi
Wɔsraa no ngo, sii no Israelhene sɛnea Awurade nam Samuel so hyɛɛ ho bɔ no.
3.3
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000104
Akuapem_Twi
Dawid Ko Fa Yerusalem.
1
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000105
Akuapem_Twi
Na Dawid ne Israel nyinaa kɔɔ Yerusalem anaa Yebus, sɛnea na wɔfrɛ hɔ kan no, efisɛ Yebusifo na wɔkɔtenaa asase no so kan kyekyeree.
7.48
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000106
Akuapem_Twi
Nnipa a wofi Yebus no ka kyerɛɛ Dawid se, “Worentumi mma ha da biara da.
4.78
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000107
Akuapem_Twi
” Nanso Dawid faa aban a na ɛwɔ Sion a wɔfrɛ no Dawid Kurow no.
3.12
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000108
Akuapem_Twi
Dawid ka kyerɛɛ nʼakofo no se, “Mo mu biara a obedi anim na yɛakɔtow ahyɛ Yebusifo no so no na ɔbɛyɛ mʼakofo so sahene.
6.7
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000109
Akuapem_Twi
” Na Dawid, nuabea Seruia babarima Yoab dii ɔko no anim, nti ɔbɛyɛɛ Dawid asraafo so sahene.
5.56
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000110
Akuapem_Twi
Dawid tenaa aban no mu, na ɛno nti na wɔfrɛɛ hɔ Dawid kurow no.
3.24
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000111
Akuapem_Twi
Dawid kyekyeree kurow no, trɛw mu fi Milo de twaa ho hyiae, bere a na Yoab nso rekyekyere Yerusalem nkae no.
5.82
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000112
Akuapem_Twi
Na Dawid tumi yɛɛ kɛse, efisɛ na Asafo Awurade ka ne ho.
3.18
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000113
Akuapem_Twi
Dawid Dɔmmarima.
0.72
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000114
Akuapem_Twi
Eyinom ne Dawid dɔmmarima ntuanofo.
1.6
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000115
Akuapem_Twi
Wɔne Israel nyinaa bɔɔ mu, sii gyinae sɛ wɔde Dawid bɛyɛ wɔn so hene sɛnea Awurade ahyɛ bɔ afa Israel ho no.
5.3
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000116
Akuapem_Twi
Dawid dɔmmarima no ho nsɛm ni: Nea odi kan no ne Yasobeam a ɔyɛ Hakmonini a na ɔda Baasa no ano sɛ ɔsahene—Baasa no yɛ dɔmmarima akatakyi a na wɔwɔ Dawid asraafo mu.
11.1
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000117
Akuapem_Twi
Bere bi ɔde ne peaw kunkum atamfo ahaasa wɔ akodi baako mu.
2.96
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000118
Akuapem_Twi
Nea ɔto so abien wɔ Baasa no mu no yɛ Dodo babarima Eleasar a ɔyɛ Ahoa aseni.
3.92
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000119
Akuapem_Twi
Bere a Dawid sɔre tiaa Filistifo wɔ Pas-Damim no, na ɔka ne ho.
3.2
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000120
Akuapem_Twi
Ɔko no sii wɔ baabi a na ɛyɛ atokofuw nko, na Israel asraafo no guanee.
3.84
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000121
Akuapem_Twi
Nanso Eleasar ne Dawid gyinaa wɔn anan so wɔ afuw no mfimfini, bɔɔ Filistifo no gui.
4.48
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000122
Akuapem_Twi
Na Awurade ma wodii nkonim de gyee wɔn.
1.54
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000123
Akuapem_Twi
Da bi a Dawid wɔ ɔbotan bi a ɛbɛn Adulam ɔbodan ho no, na Filistifo asraafo akyere nsraban wɔ Refaim bon mu.
6.12
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000124
Akuapem_Twi
Baasa no a na wɔka Aduasa no a wonim de wɔ Dawid asraafo mu no sian kohyiaa no wɔ hɔ.
4.16
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000125
Akuapem_Twi
Saa bere no na Dawid te ɔko ahintawee mu hɔ a na Filistifo asraafokuw bi akɔtena Betlehem.
6.04
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000126
Akuapem_Twi
Dawid fi akɔnnɔ mu kae se, “Ao me kɔn dɔ nsu pa a ɛwɔ abura a ɛwɔ Betlehem no bi; nea ɛbɛn ɔpon ano no bi.
6.6
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000127
Akuapem_Twi
” Enti Baasa no bɔ wuraa Filistifo no mu, kɔsaw abura no mu nsu no bi de brɛɛ Dawid.
3.58
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000128
Akuapem_Twi
Nanso Dawid annom.
0.84
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000129
Akuapem_Twi
Mmom, ohwie guu Awurade anim teɛɛ mu se, “Ɛmpare me sɛ mɛnom saa nsu yi.
4.5
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000130
Akuapem_Twi
Ɛsom bo sɛ saa mmarima yi a wɔde wɔn ho bɔɔ afɔre kɔsaw brɛɛ me no mogya.
3.34
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000131
Akuapem_Twi
” Enti Dawid annom.
0.74
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000132
Akuapem_Twi
Eyi yɛ Baasa no mmaninsɛm no bi nhwɛso.
1.82
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000133
Akuapem_Twi
Dawid Dɔmmarima Aduasa No.
1.24
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000134
Akuapem_Twi
Yoab nuabarima Abisai na na otua Aduasa no ano.
2.66
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000135
Akuapem_Twi
Ɔko baako bi mu no, ɔde ne peaw kunkum atamfo no mu ahaasa.
3.44
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000136
Akuapem_Twi
Saa mmaninsɛm yi nti na ogyee din sɛ Baasa no.
2.08
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000137
Akuapem_Twi
Abisai na na ne din ahyeta yiye wɔ Aduasa no mu sɛ wɔn sahene, nso na ɔnka Baasa no ho.
4.34
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000138
Akuapem_Twi
Na Yehoiada babarima Benaia a ofi Kabseel no nso wɔ hɔ.
2.34
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000139
Akuapem_Twi
Na ɔno nso di mmarimasɛm.
1.06
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000140
Akuapem_Twi
Ɔyɛɛ bebree a emu baako ne sɛ okunkum Moab akofo akɛse baanu bi.
2.92
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000141
Akuapem_Twi
Bere foforo bi nso, ɔtaa gyata maa aboa no kɔtɔɔ amoa mu.
3.24
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000142
Akuapem_Twi
Na sukyerɛmma ama fam ayɛ toro nanso ɔkyeree gyata no kum no.
3.18
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000143
Akuapem_Twi
Da bi a na okura kontibaa nko ara no, okum Misraimni ɔkofo bi a na ne tenten yɛ anammɔn ason ne fa.
5.76
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000144
Akuapem_Twi
Na ne peaw no mu pipiripi te sɛ ntamanwemfo nsadua.
2.82
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000145
Akuapem_Twi
Benaia huam peaw no fii Misraimni no nsam, de kum no.
2.3
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000146
Akuapem_Twi
Eyinom na Yehoiada babarima Benaia yɛe, ma ogyee din te sɛ Baasa no.
3.34
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000147
Akuapem_Twi
Wɔhyɛɛ no anuonyam sen nkae a wɔka Aduasa no ho no, nso na ɔmfra Baasa no mu.
4.3
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000148
Akuapem_Twi
Na Dawid yɛɛ no ne ho awɛmfo no so sahene.
2.04
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000149
Akuapem_Twi
Asmawet a ofi Baharum; Eliahba a ofi Saalbon.
3.34
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000150
Akuapem_Twi
Hasem mmabarima a wofi Gison; Sage babarima Yonatan a ofi Harar.
3.7
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000151
Akuapem_Twi
Sakar babarima Ahiam a ofi Harar; Ur babarima Elifar.
3.52
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000152
Akuapem_Twi
Hefer a ofi Mekera; Ahiya a ofi Pelon.
2.76
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000153
Akuapem_Twi
Hesro a ofi Karmel; Esbai babarima Naarai.
3.08
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000154
Akuapem_Twi
Natan nuabarima Yoel; Hagri babarima Mibhar.
2.9
1CH.11.1631
Akuapem_Twi_twi_00000155
Akuapem_Twi
1 BERESOSƐM 12.
5.66
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000156
Akuapem_Twi
Dɔmmarima Kɔka Dawid Asraafodɔm Ho.
1.9
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000157
Akuapem_Twi
Bere a Dawid guan fii Kis babarima Saulo anim kohintaw wɔ Siklag no, saa mmarima yi kɔdɔm no.
5.2
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000158
Akuapem_Twi
Na wɔka dɔmmarima a wɔboa Dawid wɔ akodi mu no ho.
2.28
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000159
Akuapem_Twi
Na wɔn nyinaa yɛ agyantowfo antoamfomfo.
1.9
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000160
Akuapem_Twi
Na wotumi de wɔn nsa benkum ne nifa nyinaa tow agyan ne ahwimmo.
2.6
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000161
Akuapem_Twi
Na wɔn nyinaa yɛ Saulo abusuafo a wofi Benyamin abusuakuw mu.
2.78
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000162
Akuapem_Twi
Na nea otua wɔn ano yɛ Semaia a ofi Gibea no babarima Ahieser.
3.1
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000163
Akuapem_Twi
Na ne nuabarima ne Yoas a ɔyɛ nʼabediakyiri.
2.26
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000164
Akuapem_Twi
Gadfo akofo akokodurufo bi a wɔakwadaw akodi mu guan kɔɔ Dawid afa bere a na ɔwɔ aguaabɔ mu wɔ sare so no.
6.7
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000165
Akuapem_Twi
Na wɔyɛ nimdefo wɔ nkatabo ne peaw akodi mu a wɔn ho yɛ hu sɛ gyata, na wɔn ho yɛ hare te sɛ mmepɔw so atwe.
5.92
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000166
Akuapem_Twi
Eser na na otua wɔn ano.
1.04
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000167
Akuapem_Twi
Obadia yɛ abediakyiri.
1.08
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000168
Akuapem_Twi
Eliab na ɔto so abiɛsa.
1.06
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000169
Akuapem_Twi
Nea ɔto so anan ne Mismana.
1.5
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000170
Akuapem_Twi
Nea ɔto so anum ne Yeremia.
1.18
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000171
Akuapem_Twi
Atai to so asia, Eliel to so ason.
2.56
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000172
Akuapem_Twi
Yohanan to so awotwe, Elsabad to so akron.
2.9
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000173
Akuapem_Twi
Yeremia to so du, Makbanai to so dubaako.
2.88
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000174
Akuapem_Twi
Saa dɔmmarima a wofi Gad yi yɛ asahene.
1.64
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000175
Akuapem_Twi
Nea ɔnyɛ den koraa no, otumi ne asraafo ɔha ko, na nea ɔyɛ den no tumi ne asraafo apem ko.
5.64
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000176
Akuapem_Twi
Afe no mfiase a Asubɔnten Yordan ayiri no, wotwa kɔpam nnipa a wɔtete tataw so wɔ nʼapuei ne nʼatɔe konkɔn so nyinaa fii hɔ.
6.82
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000177
Akuapem_Twi
Afoforo a wofi Benyamin ne Yuda no baa Dawid nkyɛn wɔ hintabea hɔ.
2.92
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000178
Akuapem_Twi
Dawid kohyiaa wɔn kae se, “Sɛ moaba asomdwoe so sɛ morebɛboa me a, yɛyɛ nnamfo.
4.76
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000179
Akuapem_Twi
Na sɛ moaba sɛ morebeyi me ama mʼatamfo wɔ bere a menyɛɛ bɔne bi a, yɛn agyanom Nyankopɔn nhwɛ mmu mo atɛn.
5.5
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000180
Akuapem_Twi
Na honhom no sii Amasai a akyiri no ɔbɛyɛɛ Aduasa no so panyin no so, na ɔkae se.
4.04
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000181
Akuapem_Twi
“Yɛyɛ wo dea, Dawid!
1.14
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000182
Akuapem_Twi
Yɛwɔ wʼafa, Yisai ba; Asomdwoe ne nkɔso nyɛ wo kyɛfa.
3.54
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000183
Akuapem_Twi
na wʼaboafo nyinaa nya nkɔso.
1.42
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000184
Akuapem_Twi
efisɛ wo Nyankopɔn ne nea ɔboa wo.
1.42
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000185
Akuapem_Twi
Enti Dawid ma wɔbɛkaa ne ho, na ɔyɛɛ wɔn mpanyimfo wɔ nʼakofo mu.
3.92
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000186
Akuapem_Twi
Manase mmarima no bi tew wɔn ho kɔdɔm Dawid, bere a na ɔne Filistifo no rekɔko atia Saulo no.
5
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000187
Akuapem_Twi
Nanso asɛm no ani dan a Filistifo ntuanofo ampene so sɛ Dawid ne ne mmarima no bɛka wɔn ho akɔ.
5.08
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000188
Akuapem_Twi
Wodwinnwen ho ara no, wɔma wɔsan wɔn akyi kae se, “Sɛ Dawid dan nʼani kɔ Saulo afa de tia yɛn a, yɛn nkwa na yɛde betwa so.
7.96
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000189
Akuapem_Twi
” Manase mmarima a wɔtew wɔn ho kɔɔ Dawid afa, bere a na ɔresan akɔ Siklag no ne Adna, Yosabad, Yediael, Mikael, Yosabad, Elihu ne Siletai.
11.34
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000190
Akuapem_Twi
Na wɔn mu biara da asraafo apem ano.
1.64
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000191
Akuapem_Twi
Wɔboaa Dawid ma ɔtaa afowfo no, efisɛ na wɔyɛ akokodurufo ne akofo akɛse a wɔbɛyɛɛ asahene wɔ nʼakofo mu.
6.36
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000192
Akuapem_Twi
Adekyee biara, mmarima bebree kɔdɔm Dawid kosii sɛ onyaa asraafodɔm a ɛso te sɛ Onyankopɔn de.
5.2
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000193
Akuapem_Twi
Eyinom ne akofo akɛse dodow a wɔdɔm Dawid wɔ Hebron no.
2.52
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000194
Akuapem_Twi
Na wɔn nyinaa pɛ sɛ Dawid si Saulo anan mu di hene, sɛnea Awurade ahyɛ ato hɔ no.
4.4
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000195
Akuapem_Twi
Akofo akɛse a wofi Yuda abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem asia ne ahanwɔtwe a wokurakura nkatabo ne mpeaw.
5.72
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000196
Akuapem_Twi
Akofo akɛse a wofi Simeon abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem ason ne ɔha.
3.94
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000197
Akuapem_Twi
Asraafo a na wofi Lewi abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem anan ne ahansia.
4.36
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000198
Akuapem_Twi
Na Yehoiada a otua Aaron abusua no ano no wɔ asraafo mpem abiɛsa ne ahanson a wɔhyɛ nʼase.
4.28
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000199
Akuapem_Twi
Saa ara nso na na Sadok, ɔbabun ɔkofo kɛse ne nʼabusuafo aduonu abien a wɔn nyinaa yɛ asraafo mpanyimfo ka ho.
6.38
1CH.12.1631
Akuapem_Twi_twi_00000200
Akuapem_Twi
Akofo akɛse a wofi Benyamin abusuakuw mu a wɔyɛ Saulo abusuafo no, na wɔn dodow yɛ mpem abiɛsa .
5.56
1CH.12.1631