Datasets:
twi stringlengths 27 2.49k | english stringlengths 22 1.18k | year stringdate 2022-01-01 00:00:00 2023-01-01 00:00:00 | qe_score float64 0 1 | anchor_sim float64 0.07 0.97 | domain stringclasses 1
value | source stringclasses 1
value |
|---|---|---|---|---|---|---|
Bio, yɛdii ntoasoɔ sukuu mu dwuma afoforɔ dodoɔ ɔha ne dunwɔtwe, wiee ne nyinaa a na adesuadan, baabi a adesuafoɔ no da (dormitories), baabi a wɔyɛ sukuu mu ntotoeɛ (administration blocks), nwoma akenkanbea ne baabi a wɔdidi ka ho bie. | Further to this, 118 infrastructure projects made up of classrooms, dormitories, administration blocks, libraries and canteens at the secondary education level were completed. | 2022 | 0.9966 | 0.2022 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Tema Ayaresabea kɛseɛ no (Tema General Hospital) ne Apɔmuden ho Akadeɛ Akoraeɛ kɛseɛ no (Central Medical Stores) ho dwumadie nso bɛhyɛ aseɛ na ɛberɛ korɔ no ara mu nso, La, Nkoranza ne Shama ayaresabea a yɛresi no nso ho dwumadie bɛkɔ so pɛpɛɛpɛ. | Reconstruction of the Tema General Hospital and the Central Medical Stores will commence, while the construction of the la, Nkoranza, and Shama Hospitals will continue. | 2022 | 0.9966 | 0.5143 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Ɔhaw a COVID-19 yareɛ no de baeɛ no nyinaa akyi, yɛgu so ara renya kankorɔ wɔ Mansini Baako Afididwuma Baako (IDIF) ho dwumadie mu. | Despite the effects of the COVID-19 pandemic, remarkable success continues to be achieved under the IDIF Programme. | 2022 | 0.9961 | 0.7192 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Yei si wɔ ɛberɛ a sika a Aban de bɛdi dwuma no kɔ anim sene deɛ Aban nsa aka no ankasa. | This occurs when Government expenditure is more than revenue. | 2022 | 0.9961 | 0.3309 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Ahohiahia a ɛkɔwiee owuo, asetenam ahokyere ne adwumasɛeɛ a Ghanafoɔ hunuiɛ no nyɛ adeɛ a Aban werɛ afiri koraa. | The hardship experienced by Ghanaians through the loss of lives, livelihoods and businesses is not lost on the Government. | 2022 | 0.9956 | 0.3112 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Aban nam ayaresabea ahodoɔ ɔha ne dubaako (Agenda 111 programme) a ɔrebɛsi wɔ mansini ahodoɔ mu no so ne Ɔman Apɔmuden Nsiakyibaa Nhyehyɛeɛ (National Health Insurance Scheme) bɛdi nsawɔsoɔ ama apɔmuden ho akadeɛ akɔ nkan na wama Apɔmuden mmeaeɛ no nsa aka sika a wɔhia de adi wɔn dwuma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a apɔmuden a yɛrepɛ am... | In conjunction with the National Health Insurance Scheme, Government will under the Agenda 111 programme boost health care infrastructure and financial access to health care to achieve quality universal health coverage by the year 2030. | 2022 | 0.9956 | 0.3601 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Yei yɛ sika a yɛde yɛ mpontunnwuma sɛ ebia akwanyie, sukuudansie, ayaresabea dansie, atwenesie, akwantusɛm, nsuo, mfidie akɛseɛ ne deɛ ɛkeka ho. Yei yɛ adwumayɛfoɔ bosome akatua, Sika ahodoɔ, asetenam ahotosoɔ sika, akwankɔgya sika ne deɛ ɛkeka ho a wɔtua ma Aban adwumayɛfoɔ. | This is money spent on major infrastructure projects such as roads, schools, hospitals, bridges, transport, water systems, plant and machinery etc. This is made up of salaries and salary-related allowances such as social security, gratuities and pensions paid to public sector workers. | 2022 | 0.9956 | 0.3271 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Yei gyina hɔ ma Aman anaa nnwumakuo a wɔboa Aman a afei na wɔretu mpɔn ma wɔduru wɔn mpontuo botaeɛ ho. | This refers to countries and/or organizations that collaborate with developing countries to achieve their developmental goals. | 2022 | 0.9956 | 0.2771 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Aban sane yɛɛ nhyehyɛeɛ ahodoɔ nam so boaa ankorankorɛ nnwuma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔmanfoɔ bɛsane asi wɔn dada mu. | Government also initiated policies to help revive businesses and bring our lives back to normalcy. | 2022 | 0.9951 | 0.3701 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Ghanaman reyɛ nhyehyɛeɛ nam so redi nnuadua ho dwuma a yɛnam so bɛhyɛ kwaeɛ a wɔatwa emu nnua nyinaa no anan mu. | Ghana is pursuing and implementing an aggressive afforestation programme and projects aimed at restoring lost forest cover. | 2022 | 0.9951 | 0.3087 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Wɔde Mmoayɛn Nhwehwɛmu Beaeɛ a ɛfa nkokɔ a yɛbɛwe (ARIBRO) (Animal Research Institute Broiler) ho dwumadie baeɛ no, ɛberɛ a ɛdi kan nie a CSIR de brɔla nkokɔ abedeɛ ne anini apue edwa. | For the first time, since the inception of the release of the ARIBRO (Animal Research Institute Broiler), the CSIR developed and released male and female lines of broilers. | 2022 | 0.9951 | 0.4826 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Yɛbɛgyina dwumadie a wɔato edin ARIBRO no so de nkokɔmma a wɔadi da koro no bi akyekyɛ ama mmoayɛn akuafoɔ. | Day-old chicks will also be produced and supplied to farmers under the ARIBRO Project. | 2022 | 0.9951 | 0.4079 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Ɔman Adwumakuo a Ɛhwɛ Mfidinnwuma Nketewa so no yɛ ɔman adwumakuo a ɛnyɛ mfasoɔ enti na wɔwɔ hɔ na mmom, ɛyɛ adwumakuo a ɛhyɛ Asoɛeɛ a Ɛhwɛ Edwadie ne Mfidinnwuma so no ase, a mmara ma wɔn ho ɛkwan sɛ wɔnhwɛ sɛ Mfidinnwuma Nketewa ne Adantam (Micro and Small Enterprises (MSEs) bɛtu mpɔn. | The National Board for Small Scale Industries (NBSSI) is a non-profit public sector organisation under the Ministry of Trade and Industry, and is mandated to promote the growth and development of Micro and Small Enterprises (MSEs). | 2022 | 0.9951 | 0.4472 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Mmabunu Adwumanya Adwumakuo (Youth Employment Agency (YEA) no gyinaa wɔn nkorabata ahodoɔ so faa nnipa dodoɔ mpem aduɔwɔtwe mmienu, ahanwɔtwe ne aduosia nkron (82,869 beneficiaries). | The Youth Employment Agency (YEA) engaged 82,869 beneficiaries under the various YEA modules. | 2022 | 0.9946 | 0.6806 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Yei yɛ sika dodoɔ a Aban tua wɔ dwuma a ɔdi ne dwumadie a ɔdi ma ɔmanfoɔ ho ho. | Amount of money that Government pays for running its operations and for delivering services to the public. | 2022 | 0.9946 | 0.2526 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Ewiem nsakraeɛ ho anammɔntuo ne ɛkwan pa a yɛrefa so abrɛ ewiem nneɛma bɔne ano ase. 30. COVID-19 akyiri sikasɛm nsiesie nhyehyɛeɛ no ama akwannya a yɛnam so bɛtumi afa ɛkwan pa ne nkoden so aduadua nnua nam so agyina yie bio. | The post COVID-19 economic recovery agenda provides an opportunity to build back better through innovation and more aggressive pursuit of green growth. | 2022 | 0.9941 | 0.4148 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Ɛhia pa ara sɛ yɛhwɛ toto yɛn ahiadeɛ, yɛn apɛdeɛ ne deɛ ɛsi yɛn ani so no ho nsɛm yie sɛ ɔman ne nnipa baako. | It requires a careful realignment and rebalancing of our needs, wants, and aspirations as a cohesive nation and as a people. | 2022 | 0.9941 | 0.3007 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Ghana Abɛɛfo edwadibea no akoradan a ɛwɔ Wenchi | Ghana Commodity Exchange warehouse in wenchi | 2022 | 0.9937 | 0.5335 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Yɛpagyaa sika a Aban de tɔ kookoo mu kɔduruu ɔha nkyɛmu aduonu nwɔtwe ma ɛkɔduruu sidi mpem edu ahanum aduasa (GH¢10,560) tɔnn baako biara wɔ afe 2019/20 kuayɛ ɛberɛ no mu na ɛboɔ no kɔɔ so gyinaa saa ara wɔ afe 2021/22 kuayɛ ɛberɛ no mu mpo wɔ ɛberɛ a na kookoo ɛboɔ aba fam wɔ ewiase nyinaa edwaman so. | Producer price was increased by 28 percent to GH¢10,560 per tonne during the 2019/20 season and maintained at that level for the 2021/22 season in the face of cocoa prices being held down at the international market. | 2022 | 0.9932 | 0.5844 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Wɔyɛn Nkokɔbedeɛ dodoɔ a na wɔadi nnawɔtwe enum apem baako ne ahasa ne nkokɔnini a wɔbɛforo abedeɛ no ahasa a na wɔadi nnawɔtwe nson. | Over 1,300 breeder hens and 300 breeder cocks between 5 and 7 weeks old were developed. | 2022 | 0.9932 | 0.1544 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Nneɛma a Aban Nnwuma agye atom wɔ wɔn Nneɛmatɔ Nhyehyɛeɛ (Procurement Plans) mu a apue edwa wɔ Aban Nneɛmatɔ Mpenesoɔ Adwumakuo (PPA) no abɛɛfo amaneɛbɔbea (website) no nko ara na yɛbɛdi ho dwuma de ama nneɛmatɔ ho kɔntraagye, Ɛsɛ sɛ Nneɛmatɔ ho abisadeɛ a Aban adwumakuo biara bɛyɛ wɔ afe biara mu no yɛ deɛ wɔatwa ɛho ... | Only items specified in approved MDAs' Procurement Plans posted on the PPA website can be considered for procurement contracts; All procurement requests by procurement entities relating to a particular fiscal year must be backed by budgetary allocations approved for that year. | 2022 | 0.9927 | 0.3957 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Yei yɛ ɛkwan a wɔfa so kyekyɛ ɔman sika mu ma Aban asoɛeɛ ahodoɔ no ne nnwumakuo ahodoɔ no ma wɔde di dwuma ma ɔmanfoɔ. | The process of sharing or distributing resources amoung government agencies and departments. | 2022 | 0.9927 | 0.3649 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Yei enti, Aban retu anammɔn afa so asiesie nsase a asɛe no, ama yɛn kwaeɛ ne emu mmoadoma ho banbɔ, ntotoeɛ ne dwumadie ahodoɔ a ɛde mfasoɔ bɛba no adi mu. | In this regard, Government is embarking on programmes to reclaim our degraded lands to ensure the sustainable protection, management, production and development of forest and wildlife resources. | 2022 | 0.9922 | 0.2708 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Yɛbɛwie dodoɔ nson aka no wɔ afe 2021 awieeɛ. Saa dwumadie yi bɛma yɛanya akoradan a ne kɛseɛ bɛyɛ mpem aduasa (30,000mt) a ɛbɛboa akora nnɔbaeɛ dodoɔ a ani da ɛkwan sɛ ɛbɛba ɛsiane PFJ nhyehyɛeɛ no enti. | The remaining 7 are scheduled for completion by the end of 2021. This initiative will make available 30,000mt of storage capacity to accommodate anticipated increased production under the PFJ initiative. | 2022 | 0.9922 | 0.3031 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Ɛbɔ 2021 baa awieeɛ no, na yɛagyina nhyehyɛeɛ a ɛne "Mansini Baako Akoradan Baako- ho dwumadie so awie akoradan (warehouses) dodoɔ aduasa a yɛde sii ani so sɛ yɛbɛsi no mu dodoɔ aduonu mmiɛnsa. | As at end of September 2021, 23 out of the 30 warehouses initiated have been completed under the “One District One warehouse” intervention. | 2022 | 0.9897 | 0.18 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Yei yɛ sika dodoɔ a aka wɔ ɛberɛ a Aban agyegye deɛ nqani da ɛkwan sɛ ɔbɛnya no nyinaa akyi de adi dwuma, a bosea ho nsiho nka ho bie, (kyerɛ sɛ bosea a Aban bɛtua nka ho). | This is the difference between Government revenue and its non interest expenditure (excluding debt Service Payment). | 2022 | 0.9897 | 0.3183 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Bio, yɛtwerɛɛ amannɔnefoɔ dodoɔ mpem ɔha aduosia mmiɛnsa ne ahansia aduɔkron enum (163,695 foreigners) edin memaa wɔn ahɔhoyɛ ho adansedie kaade (Non-Citizen Identity Cards). | A total of 163,695 foreigners were also enrolled and issued with Non-Citizen Identity Cards. | 2022 | 0.9888 | 0.6692 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Yei yɛ adwene foforɔ koraa a Ghana Aban de puee edwa a ɔnam so bɛma mmeranteɛ ne mmabaawa a wɔawie asuapɔn no bɛnya adwuma ayɛ wɔ ankorankorɛ anaa Aban nnwuma mu na wɔaboa de wɔn nimdeɛ apɛ asetenam ɔhaw ahodoɔ nnannuaguberɛ, na yei aboa wɔn ma wɔanya osuahunu a ɛbɛboa Ɔman sikasɛm mpontuo. | Certain amount also known as NABCO is an initiative introduced by the Government of Ghana to provide jobs to unemployed university graduates to solve various social problems in both the private and public sectors and build their skills to promote economic growth in the country. | 2022 | 0.9888 | 0.3652 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Kutawonsa da a ɛtɔ so Nkron wɔ afe 2021 mu no, yɛpaa Pokuase lɔre ɛkwan abɔnta nsamsoɔ ho dwumadie a abɔntanan nsamsoɔ, lɔre akwan bi a wɔahyɛda ayiyi ato hɔ kwansini dummienu, beaeɛ a ɔmanfoɔ fa so wɔ lɔrekwan ho, ɛtwene a nnipa fa so, ɛtwene a nnipa fa aseɛ ne suka ahodoɔ ka ho no ho ntoma. | The Pokuase Interchange Project comprising the construction of a 4-tier interchange, 12km of selected roads, segregated walkways, footbridges, th underpasses and drainage structures was completed and commissioned on 9 July, 2021. | 2022 | 0.9883 | 0.1918 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Tono afuo-so-nsuguguo dwumadie wɔ Navorongo | Rehabilitation of Tono Irrigation Project, Navorongo | 2022 | 0.9878 | 0.4517 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Yei enti, Aban nhyehyɛeɛ a ɔbɛtu ho anammɔn no bɛyɛ deɛ ɛbɛboa mmabunu, nam so ahunu adom akyɛdeɛ a wɔwɔ na yɛaboa ama obiara anya akwannya de adi dwuma sɛdeɛ ɛbɛboa ama ahonya aba ama obiara. | Government policies will, therefore, be geared towards supporting the youth to exploit their talents and unleash their potential to ensure prosperity through equal opportunity for all. | 2022 | 0.9873 | 0.3537 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Ankorankorɛ nnwuma nso faa nnipa dodoɔ mpem dunwɔtwe (18,000.) | The private sector also engaged about 18,000 persons. | 2022 | 0.9873 | 0.1983 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
COVID-19 yadeɛ kontonkurowi ho nsunsuansoɔ bɔne no aka ewiase ɔman biara sikasɛm a Ghanaman ka ho bi. | The devastating impact of the COVID-19 pandemic has been felt by all economies, including Ghana. | 2022 | 0.9868 | 0.6933 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Ne saa enti, Aban de ewiem nsakraeɛ ho nhyehyɛeɛ ahodoɔ agu akwan mu a ɛbɛboa kankorɔ, sikasɛm mu mpontuo, adwumanya ne nnipa mu nyiyimu ano abrɛ ase. | In this regard, Government has put in place climate change interventions to leverage the drive towards a green transition in a manner that promotes sustainable growth, financial and fiscal stability, increased employment, and reduced inequality. | 2022 | 0.9868 | 0.2075 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
1D1F Tomato ho afididwuma a ɛwɔ Domfete wɔ Berekum Atɔeɛ | Tomato Processing Factory at Domfete, Berekum west under 1D1F | 2022 | 0.9854 | 0.7681 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Yeinom yɛ sika ho mmoa ahodoɔ a Mpontuo mu Aboafoɔ de boa Aban a ɛnyɛ adeɛ a Aban bɛtua. | These are types of financial assistance given to Government by development partners and for which Government does not have to be pay back. | 2022 | 0.9854 | 0.2162 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Dwuma A Yɛde Sika Diiɛ 6. Ɛbɔ bosome kɔɔ awieeɛ wɔ afe 2021 mu no, na Sika dodoɔ a Aban de adi dwuma (a ɛka a yɛatua ka ho bi) no aduru Ghana sika sidi ɔpepepem aduɔwɔtwe ne ɔpepem aduoson baako (GH¢80.71 billion) a ɛyɛ ɔman yi mu adwadeɛ mu ɔha mu nkyɛmu dunwɔtwe ne akyire pɔ ɛnan (18.4% of GDP) a wode toto dwumadie m... | Total Government Expenditures (including arrears clearance) as at end September 2021 amounted to GH¢80.71 billion (18.40 of GDP) against the revised target of GH¢83.89 billion (19.10 of GDP). | 2022 | 0.9849 | 0.2815 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Ɛsiane dwumadie a wɔnam so de rema ɔmanfoɔ a wɔwɔ ahoɔden anya adwuma ayɛ (Ghana Productive Safety Net - GPSNP) no enti, Aban gyinaa "Kuayɛ mu Nnɔbaeɛ a yɛde kɔ Amannɔne kɔtɔn ne Nkuraaseɛ Mpontuo Dwumadie (Planting for Export and Rural Development (PERD) Programme) no so kyekyɛɛ nnɔbaeɛ a yɛtɔn nya mu sika ho nnua nke... | Under the Ghana Productive Safety Net Project (GPSNP), Government distributed a total of 7.9 million cash crop seedlings to farmers under the “Planting for Export and Rural Development” (PERD) Programme. | 2022 | 0.9849 | 0.708 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Dwumadie a wɔfrɛ no "Enable Youth 1D1F mu no, nnwuma ahanu aduɔson nwɔtwe (278 projects) mu aduonum nwɔtwe (58 projects) yɛ mmabunu akuo a Aban aboaboa wɔn ano no dea na yɛataa wɔn akyi aboa wɔn sika fam sɛ wɔmfa mmue wɔn ankasa mfidinnwuma a ɛdi mu pa ara. | Under the Enable Youth 1D1F Initiative, 58 of the 278 projects are fully-owned by youth groups mobilised by Government and supported with seed funding to establish their own state-of-the-art agro-processing factories. | 2022 | 0.9844 | 0.7212 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Ɔman Kwaeɛ mu Nnua Nhyɛananmu Dwumadie (National Afforestation Programme -NAP) no maa akwannya ma wɔfaa nnipa dodoɔ mpem aduɔson mmienu (72,000 persons) adwumam. | The National Afforestation Programme (NAP) provided an opportunity to engage a total of 72,000 persons exceeding the target of 60,000 to assist in various areas of planting activities. | 2022 | 0.9839 | 0.4452 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Yɛgyina Mmabunu Kwaeɛm Nnua Nhyɛananmu Dwumadie (Youth in Afforestation Programme) no so faa nnipa no mu dodoɔ mpem aduasa enum (35,000) ɛnna yɛgyinaa deɛ wɔato edin sɛ Modified Taungya System (MTS) no so faa nnipa no mu dodoɔ mpem Dunson (17,000) ɛnna afei yɛgyinaa dwumadie a wɔfa nnipa ma wɔgu aba so faa nnipa mpem m... | These included 35,000 persons under the Youth in Afforestation Programme, 17,000 persons under the Modified Taungya System (MTS) and 2,000 persons in seedling production. | 2022 | 0.9834 | 0.6819 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Afe 2022 mu no, Mmabunu Adwumanya Adwumakuo no (YEA) no ne wɔn a wɔanya adwuma dodoɔ mpem ɔha ne nsia (106,000 beneficiaries) wɔ 1D1F mu no bɛnya nsawɔsodie. | In 2022, the YEA will engage 106,000 beneficiaries. | 2022 | 0.9829 | 0.2417 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Nhwɛsoɔ ne sɛ, abusua bi bɛtumi ayɛ sikasɛm nhyehyɛeɛ nam so akyerɛ sika dodoɔ a wɔwɔ ne nneɛma ahodoɔ a ɛhia sɛ wɔde sika no yɛ no nnidisoɔ nnidisoɔ. | For instance, a family can draw up a budget that will show how much money is available and how it should be prioritised for spending (for example, rent, utilities and food). | 2022 | 0.9829 | 0.2939 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
No part of this publication may be stored in a retrieval system or transmitted in any or by any means, electronic, mechanical, photocopying, recording or otherwise without the prior written permission of the Ministry of Finance | No part of this publication may be stored in a retrieval system or transmitted in any or by any means, electronic, mechanical, photocopying, recording or otherwise without the prior written permission of the Ministry of Finance | 2022 | 0.9824 | 0.939 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Sika dodoɔ a Aban nyaa no wɔ ɔman yi mu no kɔduruu ɔpepepem aduonu ne ɔpepem aduasa nkron (GH¢20.39 billion) a ɛyɛ ɔman yi mu adwadeɛ ɔha mu nkyɛmu aduosia ne akyire pɔ mmienu (60.2% of GDP) na sika a Aban nya firii amannɔne nso kɔduruu ɔpepepem dumiɛnsa ne ɔpepem aduanan nson (GH¢13.47 billion) a ɛyɛ ɔman yi mu adwade... | Total Domestic Financing amounted to GH¢20.39 billion, while Foreign financing amounted to GH¢13.47 billion, constituting 60.2 percent and 39.8 percent of the total, respectively. | 2022 | 0.9795 | 0.3374 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Yɛgyinaa Nnwumakuo a wɔdi dwuma wɔ beaeɛ pɔtee bi a wɔmma wɔnntua ɛtoɔ nhyehyɛeɛ so (Free Zones enterprises) maa nnipa ahodoɔ mpem aduasa, ɔha ne duɔwɔtwe nkron (30,189 persons) nyaa adwuma yɛɛ wɔ adwadeɛyɔ nkorabata (manufacturing sector) no mu. | ” 43. Under Free zones enterprises, a total of 30,189 jobs were created, mainly in the manufacturing sector. | 2022 | 0.9795 | 0.402 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Ɛka ahodoɔ a Aban de no yɛ sika a ɛsɛ sɛ Asoɛeɛ a Ɛhwɛ Sikasɛm so no tua ma Aban Nnwuma ahodoɔ no ɛnna afei, ɛka ɛda hɔ firi afe 2016 mu a mmara hyɛ sɛ ɛsɛ sɛ Aban tua gu Mmara ho Fotoɔ ahodoɔ mu. | The outstanding obligations comprise MDA commitments with the Ministry of Finance as well as outstanding 2016 payments to Statutory Funds. | 2022 | 0.9795 | 0.6662 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Yei yɛ ɛtoɔ bi a yɛde to adwadeɛ ahodoɔ so wɔ adwadeɛyɛ mpɛmpɛnsoɔ biara mu. | The tax levied as value is added to goods and services At each stage of production. | 2022 | 0.979 | 0.3142 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Yei yɛ sika mu mmoa bi a Aban de ma ɔman mma ma ɛyi adesoa kakra firi wɔn so ma wɔn kɔn mu dwo wɔn. | This is a financial relief given by government to citizens to reduce the burden on them . | 2022 | 0.9785 | 0.3771 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Afe 2022 Sikasɛm Nhyehyɛeɛ yi ho hia pa ara wɔ anammɔn a yɛretu asane akɔ yɛn dada mu a yɛrente nsane yɛn akyi bio no mu, na yɛanya nsakraeɛ pa a ɛbɛma yɛaduru yɛn anisoadehunu sɛ Ghana bɛduru mpɛmpɛnsoɔ a yɛrenhia mmoa (Ghana Beyond Aid) no ho. | 85. 2022 Budget is crucial for our sustained recovery and transformation to a The prosperous Ghana Beyond Aid. | 2022 | 0.978 | 0.385 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
© 2021. All rights reserved. | © 2021. All rights reserved. | 2022 | 0.978 | 0.9695 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Saa nnwumakuo yi mu biara wɔ nnipa dodoɔ bɛyɛ aduanan kɔsi aduanan nwɔtwe a wɔde wɔn sika ahyɛ nnwuma no mu. | Each of these companies has between 40 and 48 individuals as shareholders. | 2022 | 0.9775 | 0.1617 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Beaeɛ a wɔfrɛ no "The Job Centre-, a ɛyɛ ntamgyinafoɔ ma wɔn a wɔrepɛ adwuma ne nnwumakuo no boa maa nnipa dodoɔ apem baako, ɔha ne aduɔwɔtwe enum (1,185 persons) nyaa adwuma. | “The Job Centre”, which links job seekers to potential employers, enabled 1,185 persons to gain employment. | 2022 | 0.9766 | 0.6665 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Aban nwomasua nhyehyɛeɛ a ɛne "Fa-me-kwa Ntoasoɔ Sukuukorɔ- no mu no, yɛfaa adesuafoɔ afoforɔ dodoɔ mpem ahanan aduonu enum ne aduosia baako (425,061 first-year students) nam so maa wɔn nyinaa dodoɔ kɔsii ɔpepem baako mpem ahanu aduosia baako, ahanan ne aduɔkron enum (1,261,495 students). | Under Government's Flagship Free SHS programme, 425,061 first-year students were enrolled bringing the total intake to 1,261,495 students. | 2022 | 0.9766 | 0.6289 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Nkutahodie dodoɔ a akɔ so wɔ Aban ne akuhodoɔ a mmabunu ne nwomasua akuhodoɔ ka ho bie ntam enti no, afe 2022 yi mu no, Aban bɛgyina Ghana COVID-19 Asetɔre ne Ankorankorɛ Nnwuma mu Nkanyan ho mmoa (GhanaCARES) dwumadie no so afiri aseɛ atu nhyehyɛeɛ a ne edin de YouStart no ase, afa so de sikabotene a ano boɔ som ɔpepe... | Following extensive consultation with stakeholders, including youth associations and educational institutions, Government in 2022 will implement the YouStart Initiative as a vehicle to use GH¢1.0 billion to create 1 million jobs in 3 years under the GhanaCARES programme. | 2022 | 0.9761 | 0.3699 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Ɛsiane Aban dwumadie a wato edin sɛ "Water for All- a yɛnam so bɛma obiara anya nsuo no enti, yɛahyɛ nsuo ho dwumadie ahodoɔ ase a emu biara aduru mpɛmpɛnsoɔ pɔtee bi. | As part of Government's “water for All” programme, several water systems have been initiated and are at various stages of completion. | 2022 | 0.9756 | 0.3947 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Mmabunu adwumanya ne nsaanodwuma ho ɔhaw anosie 28. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛbɛtumi asi mmabunu adwumayɛ ne nsaanodwuma ho ɔhaw ano enti, Aban nam dwumadie ahodoɔ sɛ ebia NEIP, NABCO, Ɔman nnuadua dwumadie ne NBSSI (a seesei wɔfrɛ no GEA) no so abuebue nnwuma ho akwannya ato hɔ ama mmabunu ne nnwuma nketewa ne adantam (SMEs). | To help address the youth unemployment and skills challenge, Government through special programmes such as NEIP, NABCO, National Afforestation and NBSSI (now GEA), has created significant job opportunities for the youth and SMEs. | 2022 | 0.9736 | 0.2 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Saa nhyehyɛeɛ yi botaeɛ foforɔ ne sɛ ɛbɛma yɛatumi aduru Amanaman Nkabom Ekuo nhyehyɛeɛ a wɔato edin "Agenda 2030- (SDGs) ne Abibirem Nkabom Botaeɛ a wɔato edin "Africa Union Agenda 2063- no ho. | This Framework also seeks to achieve the objectives of the UN Agenda 2030 (SDGs) and Africa Union Agenda 2063. | 2022 | 0.9736 | 0.3576 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
YouStart dwumadie yi bɛboa wɔn a afei na wɔahyɛ wɔn ankasa nnwuma ase no ama wɔanya sika, anya mimdeɛ, anya nsaanodwuma ho nteteeɛ ne nkanyan de afiri wɔn ankasa nnwuma ase ama akɔ nkan. | The YouStart will support young entrepreneurs to gain access to capital, training, technical skills, and mentoring to enable them launch and operate their own businesses. | 2022 | 0.9722 | 0.3885 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Afei yɛbɛwie akwan a ɛka nkuro akɛseɛ bɔ mu kwansini aduɔson enum (75km), deɛ ɛkɔ baabi a mfudeɛ firi ba kwansini ɔha aduonum (150 km) ne kurom akwan kwansini aduasa (30 km) ho dwumadie. | Rehabilitation works on 75km of trunk roads, 150km of feeder roads and 30km of urban roads will also be undertaken. | 2022 | 0.9717 | 0.6459 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Sikasɛm ne agyapadeɛ ahodoɔ a Aban hwɛ so ma ɔmanfoɔ no nyinaa ka yei ho. | This may include the responsibility for money or other properties that Government holds in trust. | 2022 | 0.9702 | 0.2551 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Yei nyinaa botaeɛ ne sɛ ɛbɛboa ahyɛ atenaeɛ a agyigya wɔ asuo ho no na ate ɔhaw a nnipa dwumadie de aba asuo ahodoɔ no ho no so. | This is to restore degraded buffers around the river bodies and reduce the negative impact of human activities on the water bodies. | 2022 | 0.9692 | 0.3312 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Saa ɔfa yi da dwuma a Aban adi wɔ ɔman yi asoɛeɛ ahodoɔ no mu wɔ afe 2021 mu ne dwuma a ɔbɛdi wɔ afe 2022 mu no adi. | This section highlights the performance of Government in key areas and sectors of the economy in 2021, as well as programmes and activities for implementation in 2022. | 2022 | 0.9683 | 0.1177 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Sikasɛm Nhyehyɛeɛ ho Anammɔntuo ne Dwumadie ho Sikapɛ 7. Sika dodoɔ a Aban de dii dwuma boroo so ma ɛka a ɛbaa so yɛ ɔpepepem aduasa mmiɛnsa ne ɔpepem aduɔwɔtwe nsia (GH¢33.86 billion) a ɛyɛ ɔman yi mu adwadeɛ mu ɔha mu nkyɛmu nson ne akyire pɔ nson (7.7% of GDP) a na anka ɛsɛ sɛ ɛyɛ ɔpepepem aduasa mmienu ne ɔpepem ad... | Government's fiscal operations resulted in a cash deficit of GH¢33.86 billion (7.70 of GDP), compared to the revised target of GH¢32.58 billion (7.40 of GDP). | 2022 | 0.9678 | 0.244 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Mfuo-so-nsuguguo ho dwumadie afoforɔ bi nso ne deɛ ɛwɔ Tamne a ɛwɔ Atifi Apueeɛ Mantam ne Mprumem a ɛwɔ mfinimfini Mantam mu no a sɛ yɛwie a ɛbɛma mfuo-sonsuguguo de nsuo akɔ asase hɛkta ahasa aduɔson enum so de agugu ɛmo ne atosodeɛ mfuo so. | Other Irrigation projects at Tamne in the Upper East Region and Mprumem in the Central Region, which will provide a total of 375ha for rice and vegetable production, were also completed. | 2022 | 0.9658 | 0.1972 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Aban ne wɔn a wɔdi akotene wɔ nwomasua mu no dii nsawɔsoɔ nam so pɛɛ ɛkwan pa a yɛbɛfa so abue sukuu wɔ afe 2021 mu. Yɛmaa sukuu ahodoɔ nyinaa "tɛmomita-(deɛ wɔde hwɛ hunu obi ho hyeɛ no) sɛdeɛ wɔde bɛhunu asukuufoɔ no ne adekyerɛfoɔ no ho hyeɛ. | Government collaborated with stakeholders to implement measures for the safe reopening of schools in January 2021. All schools were provided with infra-red thermometers to monitor the temperature of pupils, students and staff. | 2022 | 0.9658 | 0.183 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Aban ani da ɛkwan sɛ sika dodoɔ a yɛbɛgyegye no bɛgyina ɛtoɔtua ho nokorɛdie, sikagyegyeɛ ho nhyehyɛeɛ mu nsakraeɛ ne ɛtoɔtua nhyehyɛeɛ ho ntotoeɛ pa so. | The resource mobilisation for 2022 is expected to be impacted by improvements in tax compliance, reforms in revenue administration, as well as tax policy measures. | 2022 | 0.9648 | 0.1591 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Aban bɛma Botaeɛ 111 (Agenda 111 Project) no ho anammɔntuo akɔ ntɛmntɛm a emu no, yɛbɛsisi mansini ayaresabea dodoɔ ɔha ne baako (101 district hospitals), mantam ayaresabea nson (7 regional hospitals) ɛnna adwenemhaw ayaresabea mmiɛnsa (3 psychiatric hospitals). | ” 81. Government will accelerate the implementation of the Agenda 111 Project comprising 101 district hospitals, seven regional hospitals and three psychiatric hospitals. | 2022 | 0.9644 | 0.4152 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Saa ɛtoɔ yi bɛka “fonq so sikamaneɛ, sikakorabea sikamaneɛ, “fonq so sikamaneɛ ho dwumadie ne sikamaneɛ a ɛfiri amannɔne, na ɛtoɔ a ɛda so yɛ ɔha mu nkyɛmu baako ne akyire pɔ nson ne fa (1.75%) a onipa a ɔde sika remane no na ɔbɛtua, gye sɛ sikamaneɛ a ɛfiri amannɔne reba no na deɛ ne nsa bɛka sika no bɛtua saa ɛtoɔ yi... | The levy will cover mobile money payments, bank transfers, merchant payments, and inward remittances. | 2022 | 0.9624 | 0.0743 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Aban wiee ntɔtemmoa ebuo edu baako a yɛde ani buu sɛ yɛbɛsi no mu edu ne nsubura dodoɔ dubaako maa ntɔtemmoayɛn mmeaeɛ ahodoɔ dubaako. | Government completed 10 out of 11 livestock housing units and 11 mechanised boreholes for 11 livestock breeding stations. | 2022 | 0.9619 | 0.1877 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
So na wɔate amanneɛbɔ nyinaa wɔ ɛberɛ ano ɛberɛ ano. | Information for its citizens about what it is doing. | 2022 | 0.96 | 0.339 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Yei si wɔ ɛberɛ a, sika a yɛde adi dwuma ahodoɔ no aboro deɛ yɛtwa too hɔ wɔ sikasɛm nhyehyɛeɛ mu a mmarahyɛbadwa gye too mu no so. | This occurs when Government spending exceeds the Budget amount approved by Parliament. | 2022 | 0.9565 | 0.3063 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Yei botaeɛ ne sɛ yɛnam ankorankorɛ nnwuma ho no nhyehyɛeɛ mu mpontuo ne mmoa a yɛde bɛma wɔn no so ama ɔman yi sikasɛm agyina yie, nkanyan aba mu na ɛnam so ama nsakraeɛ pa aba ɔmanfoɔ asetena mu. | This is to stabilise, revitalise and transform our nation, through the improvement of the business environment, and support the private sector. | 2022 | 0.9478 | 0.3444 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Ghana Covid-19 Asetɔre Ne Ankorankorɛ Nnwuma Mu Nkanyan Ho Mmoa (Ghanacares) “Obaatan Pa” Dwumadie No 17. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛbɛduru yɛn botaeɛ a yɛpɛ sɛ Ghana duru mpɛmpɛnsoɔ a yɛrenhia mmoa ho, na afei yɛasane agyina yɛn nan so wɔ COVID-19 Yadeɛ Kontonkurowi akyi enti, Ghana Aban hyɛɛ aseɛ tuu Ghana Covid-19 Asetɔre (Gh... | To realise the vision of transforming Ghana Beyond Aid, and beyond COVID- 19 Pandemic, Government commenced the implementation of the GH¢100 billion Ghana COVID-19 Alleviation and Revitalisation of Enterprises Support programme, (the GhanaCARES “Obaatan pa” programme). | 2022 | 0.9473 | 0.5018 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Sikasɛm nhyehyɛeɛ gyina hɔ ma nhyehyɛeɛ a Aban ayɛ afa ɛkwan a ɔbɛfa so anya sika ne deɛ ɔde saa sika no bɛyɛ ho. | A budget is a plan that outlines where to get money from and what to spend it on. | 2022 | 0.9463 | 0.3383 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Aban nhyehyɛeɛ a ɛwɔ hɔ sɛ ɔbɛma mmeranteɛ ne mmabaawa adi dwuma ahodoɔ, nam so de ate kuro kɛseɛm atukɔtena (rural-urban) so, na ama wɔn asetena mu atu mpɔn enti no, ɔnam nnuadua, kookoo mfuo so adupeteɛ, ɔyɛasaseyie-peteɛ, nnuabaguo, kookoo nnua mman a yadeɛ aka no ho twitwa ne kookoo mfuo-so-nsusuguo so maa nnipa do... | In line with Government's objective to direct young men and women into productive ventures, reduce the rate of rural-urban migration and improve livelihoods of the youth, 130,000 jobs were created through the rehabilitation and replanting, mass spraying, fertiliser application, hand pollination, mass pruning and cocoa ... | 2022 | 0.9453 | 0.6884 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Ɛkwan a yɛbɛfa so apɛ sika wɔ 10. Aban ani da ɛkwan sɛ sika dodoɔ a ɔbɛtumi agyegye ne deɛ wɔde bɛkyɛ yɛn wɔ afe 2022 mu no nyinaa bɛduru Ghana sika sidi ɔpepepem ɔha ne ɔpepem mmienu (GH¢100.52 billion) a ɛyɛ ɔman yi mu adwadeɛ mu ɔha mu aduonum nkyɛmu aduonu ne akyire pɔ (20.0 % of GDP). | Total 10. Revenue and Grants for 2022 is estimated at GH¢100.52 billion (20.0 percent of GDP). | 2022 | 0.9448 | 0.5979 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Mede ahohoahoa ka sɛ anammɔn a ɔman yi tuu wɔ yadeɛ kontonkurowi yi ho no yɛ akokoɔduru anammɔn na ɛyɛ gyinaeɛsie a ɛdi mu pa ara a ewiase aman nyinaa agye atom sɛ yɛayɛ adeɛ. | I am proud to say that our response to address the impact of the pandemic was bold and decisive and has been admired all over the world. | 2022 | 0.9385 | 0.3668 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Saa anammɔntuo yi boa sii COVID-19 yadeɛ no ano, nam so bɔɔ adesuafoɔ no, akyerɛkyerɛfoɔ ne ɔmanfoɔ nyinaa ho ban na yei boa maa asukuufoɔ a wɔwɔ mpɛmpɛnsoɔ ahodoɔ nyinaa no sane kɔɔ sukuu afe 2020/2021 no mu. | These measures helped to curb the spread of the COVID-19 pandemic, ensured the safety of pupils, students, teachers and the general public, and contributed to the smooth running of schools at all levels for the 2020/2021 academic year. | 2022 | 0.9385 | 0.6576 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Yɛgyinaa Kuayɛ ho dwumadie nhyehyɛeɛ no ɔfa a yɛfrɛ no IPEP no so wiee nkuraase edwa aduonum ne Mankassim edwa no ɔfa a ɛdi kan a suka a ne tenten yɛ mita ahanson aduɔwɔtwe ka ho bie no nyinaa. | St 62. 50 rural markets under the agriculture component of IPEP and the 1 Phase of the Mankessim market, which includes a 780-metre storm drain have all been completed. | 2022 | 0.9277 | 0.203 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Afe 2020/21 kuayɛ ɛberɛ a akɔ awieeɛ yi mu no, kookoo dodoɔ a yɛteeɛ kɔɔ soro boroo deɛ yɛate pɛn nyinaa so kɔduruu tɔnn ɔpepem baako, ne mpem aduanan enum ne ahanum (1,045,500 tonnes) . | In the just-ended 2020/21 season, total production of cocoa reached an alltime high of 1,045,500 tonnes. | 2022 | 0.9277 | 0.6431 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Ɛsiane anammɔn a yɛretu de atrɛ ewiemhyɛn nketewa dwumadie (drone services) mu wɔ apɔmuden ho akadeɛ a ɛhia sɛ yɛde kɔ ɔman yi afan nyinaa no enti, Aban ne adwumakuo a yɛfrɛ no Zipline aka abom asisi mmeaeɛ a ewiemhyɛn nketewa yi ho dwumadie bɛkɔ so afoforɔ mmienu wɔ Anum wɔ Apueeɛ Mantam mu ɛnna Abujuro wɔ Oti Mantam ... | As part of efforts to expand drone services in the delivery of critical medical supplies, Government collaborated with zipline to construct two new distribution centres at Anum and Abujuro in the Eastern and Oti Regions, respectively. | 2022 | 0.9253 | 0.4169 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Yei da nkyɛn a, ɛsɛ sɛ yɛhunu baabi a saa nneɛmatɔ yi ho sika firi reba ɛnna sika dodoɔ a ɛwɔ hɔ ma saa nneɛmatɔ yi, Aban adwumam panin biara nni ho ɛkwan sɛ ɔde ne nsa hyɛ Nteaseɛ Apam (MoU) biara ase de kyekyere Ghana Aban wɔ sikasɛm mu wɔ ɛberɛ a ɔnnyee mpenesoɔ mfirii Ɔsoafoɔ a Ɔhwɛ Sikasɛm so no nkyɛn. | This notwithstanding, all such requests must also be based on actual confirmed sources and availability of funding; No public official must sign any MOU or agreement that commits the Government of Ghana financially without prior approval or clearance from the Minister for Finance. | 2022 | 0.9209 | 0.3926 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Ahyɛn Akwaa-hyehyɛ ne Ahyɛn ho Afididwuma (Vehicle Assembly and Automotive Industry) a ɛyɛ Ghana Ahyɛn ho Afididwuma Mpontuo dwumadie no fa bi boa maa Toyota Tsusho Aafididwuma no, buee Ahyɛn Akwaa-hyehyɛ Adwumakuo wɔ Ayɛwohomumɔ bosome mu wɔ afe 2021 mu nam so firii aseɛ hyehyɛɛ Toyota ne Suzuki ahyɛn – Hilux Pickup n... | Under the Vehicle Assembly and Automotive Industry component of the Ghana Automotive Development Programme, Toyota Tsusho Manufacturing Company commissioned an assembly plant in June 2021 to assemble Toyota and Suzuki brands of vehicles a Hilux Pickup and Suzuki Swift a in Ghana. | 2022 | 0.9209 | 0.7735 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Afe 2022 Sikasɛm Nhyehyɛeɛ yi mu no, yɛayɛ nhyehyɛeɛ ahodoɔ a yɛde bɛtoa so atu anammɔn wɔ ɔman yi mu ɔhaw ahodoɔ a yɛwɔ mu seesei no ho nam so ama yɛatumi agyina yɛn nan so bio wɔ yadeɛ kontonkurowi yi akyi. | In the 2022 Budget, we have outlined plans to continue to tackle the immediate challenges of the economy and to emerge stronger in the post-pandemic era. | 2022 | 0.9165 | 0.6736 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
CSIR adwumakuo no bɛkɔ so aboa ama Kuayɛ mu Nnɔbaeɛ a yɛde kɔ Amannɔne kɔtɔn ne Nkuraaseɛ Mpontuo (PERD) ɛnna afei Kuayɛ a Ɛde Nnuane ne Nnwuma Ba (PFJ) ho dwumadie no nyinaa adi mu na yei mu no, yɛde mfudeɛ nkumaa a yɛtu tintim bɛma akuafoɔ. | In 2022, Government will continue to support livestock farmers by providing 14,000 breeding stock of small ruminants, 8,000 grower pigs, 5 million broiler day-old chicks and 20,000 broiler birds. ” 71. The CSIR will continue to support the PERD and PFJ initiatives with the production of germinated seedlings for farmers... | 2022 | 0.9126 | 0.1482 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na saa anammɔntuo yi bɛwie pɛyɛ enti, Aban ama Ghanafoɔ bɛboro ɔpepem dunum (over 15 million Ghanaians) anya wɔn ankasa ahyɛnsoɔ kaade na ɔde fidua ɔpepem nson ne mpem ahanum (7.5 million houses) nso ato ɔman abɛɛfo akyirikwan nhyehyɛeɛ no so a ɛboa ma yɛhunu beaeɛ a fidua ahodoɔ yi mu biara wɔ pɔtee. Ghana... | To this end, Government issued unique identification cards to over 15 million Ghanaians and placed 7.5 million houses on the national digital address system. 26. The drive to digitise the economy has received additional recognition from the adoption of the e-cedi currency by the Bank of Ghana. we have rolled out the oG... | 2022 | 0.9097 | 0.5505 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Aban ne nnipakuo ahodoɔ a wɔdi nkokɔyɛn, ɛmo, soya ne ntoosi ho dwuma no nyinaa hyiaeɛ, na ɛnam nhyiamu yi so maa Aban hunuu ɔhaw ahodoɔ a ɛwɔ wɔn dwumadie mu na yei maa Aban yɛɛ nhyehyɛeɛ a ɔnam so bɛma kuadwuma mu nnwumakuo ahodoɔ no bosea a ɛho nsiho wɔ fam sɛdeɛ wɔde bɛsɔ wɔn dwumadie mu ɔhaw ano. | Government engaged various actors in the poultry, rice, soya and tomato value-chain to understand the challenges of the sub-sector, which led to the development of a framework to provide Interest Rate Subsidy (IRS) to agribusinesses to address the financing constraints. | 2022 | 0.9087 | 0.3919 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Mehyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛmmoa na yɛnkyekyere Ghanaman a yɛn nyinaa hwehwɛ no. | I charge us all to help build the Ghana we desire. | 2022 | 0.9058 | 0.2914 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Ɛberɛ a amansan anammɔntuo wɔ COVID-19 yadeɛ kontonkurowi yi ano aduro ho wiee pɛyɔ no, paneɛwɔ nso bɛkaa akwanhodoɔ a na ɛwɔ hɔ dada a yɛde si yadeɛ no ano no ho. Akwanhodoɔ yi a na adunom nka ho no ne nkatahwenehyɛ, nnipa asetenam nkutahodie mu ntetemu ɛnna nsa ho hohoro. | As global efforts towards the search for COVID-19 vaccine yielded positive results, COVID-19 vaccination has become an additional preventive measure to the already existing protocols aside the initial preventive strategy which focused on non-pharmaceutical interventions, including wearing of face masks, physical distan... | 2022 | 0.894 | 0.6402 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Yei de dwuma a yɛadi wɔ ntoasoɔ sukuu mu adansie ho Nhyehyɛeɛ mu no dodoɔ nyinaa asi ahansia aduonum nson. | This brings the total number of completed projects to-date under the Free Senior High School Infrastructure Intervention to 657. | 2022 | 0.8931 | 0.139 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Sika dodoɔ a yɛde ani hwee abu sɛ yɛn nsa bɛka wɔ ɔman yi ara mu no yɛ ɔpepepem aduɔkron nkron ne ɔpepem aduonum enum (GH¢99.55 billion). | Domestic Revenue is estimated at GH¢99.55 billion. | 2022 | 0.8892 | 0.6019 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Yɛbɛwie Ɔman Nhyehyɛeɛ a Ɛfa Nnuro a yɛde wɔ paneɛ de ko tia nsaneyadeɛ ho dwumadie no animanim yi ara na Ɔman Nsaneyadeɛ ho Paneɛwɔ Nnuro Adwuma (National Vaccine Institute) a ɛsɛ sɛ yɛsi na ɛhwɛ toto nnuro a yɛde wɔ paneɛ ho nsɛm no nso ahyɛ aseɛ. | A draft National Vaccine Policy will be finalised and the establishment of a National Vaccine Institute to coordinate production of vaccines is underway. | 2022 | 0.8887 | 0.3593 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Hyehyɛpono Ahodoɔ: 3 Nkontabuo ho hyehyɛpono ahodoɔ 3 ƆSOAFOƆ NO ANODISƐM 5 NNIANIMU 7 SƐDEƐ ƆMAN SIKASƐM YƐƐ WƆ AFE 2021 MU SIKA A ƐBAA ƆMAN FOTOƆ MU NE DWUMA A YƐDE DII WƆ AFE 2021 MU 10 AFE 2022 SIKASƐM NHYEHYƐEƐ NE ƆMAN NO SIKASƐM GYINAPƐN 14 SIKASƐM NTOTOEƐ PA HO ANAMMƆNTUO AHODOƆ A ƐWƆ AFE 2022 SIKASƐM NHYEHYƐEƐ ... | List of Tables. 2022 BUDGET AND THE ECONOMY Figure 2. Summary of Expenditure Performance for Jan-September 2021 Figure 4. Summary of Revenue Projections for 2022 (in Billions of Cedis) Figure 5. Expenditure Items and their allocations for 2022 ( in Billions of Cedis) ... 14 | 2022 | 0.8701 | 0.233 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛbɛma mmabunu anya nkuranhyɛ na wɔanya nnnwumabue sunsum de abuebue wɔn ankasa nnwuma enti, afe 2022 mu no, Aban bɛhyɛ dwumadie bi a YouStart yɛato edin Nhyehyɛeɛ ase a ɛnam so bɛma mmabunu anya bosea de ahyɛ aseɛ abuebue wɔn nnwuma na atumi agyina anaa wɔde atrɛ wɔn nnwuma mu. | To boost the confidence of the youth and build their entrepreneurial spirit, Government will activate the YouStart programme in 2022 to provide access to credit for young businesses persons to either establish or expand their business. | 2022 | 0.8628 | 0.6955 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Mpontunneɛ A Yɛde Bɛtu Ohia Ase Dwumadie yi yɛ dwumadie ahodoɔ a ɛdi akotene wɔ NPP Aban nhyehyɛeɛ ahodoɔ mu no baako a botaeɛ a ɛtaa akyire ne sɛ, yɛde mpontunneɛ bɛkɔ nkuraase, titire mpɔtam ahodoɔ a ohia wɔ hɔ no na ɛnam so aboa atu ohia ase na asetenam yiedie mu nsonsonoeɛ a ɛda nkuraasefoɔ ne kuromfoɔ ntam no ases... | The Infrastructure for Poverty Eradication Programme (IPEP) is one of the flagship programmes of the NPP Government that aims at eradicating poverty and minimalizing inequality, especially in the rural and deprived communities through the provision of basic infrastructure. | 2022 | 0.8594 | 0.4129 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Yei gyina hɔ ma nkonta a Aban bu kyerɛ Ɔman mma fa ne dwumadie ho ne amaneɛbɔ a ɛwɔ anammɔn ahodoɔ nso a watu ho. | This is when Government is answerable to its citizens by making known its activities and disclosing the results of such actions. | 2022 | 0.8574 | 0.2993 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Yɛbɛdi sikasɛm ho anammɔntuo ahodoɔ a ɛdidi soɔ yi so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛremfom wɔ mmerɛ kakra a ɛdi yɛn anim yi mu wɔ sikasɛm ahohyɛsoɔ ɛkwan a yɛatwa ato hɔ no: | The following expenditure commitments control measures will also be enforced to avoid veering off the chartered medium-term fiscal consolidation path. | 2022 | 0.8535 | 0.3593 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Afe 2022 mu no, yɛbɛhyɛ aseɛ asisi 11 No. ayaresabea dodoɔ a mpa aduanan bɛkɔ mu (40-bed hospitals) ɛnna 1 No. ayaresabea dodoɔ a mpa aduasa bɛkɔ mu (30-bed hospitals) wɔ Asante, Bono, Nkran ne Apueeɛ Amantam mu. | In 2022, construction of 11 No. 40-bed and 1 No. 30-bed hospitals in the Ashanti, Bono, Greater Accra, and Eastern Regions will commence. | 2022 | 0.8521 | 0.525 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Ɛfiri afe 2017 bɛsi ɛnnɛ, Mansini Baako Afididwuma Baako(1D1F) dodoɔ ahanu aduoson nwɔtwe (278 1D1F) na yɛadi ɛho dwuma ama aduru mpɛmpɛnsoɔ ahodoɔ. Emu ɔha ne nsia gu so redi dwuma seesei (106 in operation), yɛgu so a yɛresi emu ɔha ne aduanan nwɔtwe (148 construction), ɛnna emu aduonu ɛnan deɛ, afei koraa na wɔrebɛfi... | From 2017 to date, a total of 278 1D1F projects are at various stages of implementation, out of which 106 companies are currently in operation, 148 are under construction while 24 constitute pipeline projects. | 2022 | 0.8481 | 0.6682 | economy/public-finance | MoF Ghana Citizens Budget |
Twi–English Citizens' Budget Parallel Corpus
317 Asante Twi ↔ English parallel sentences in the economy / public-finance domain, extracted and aligned from the Government of Ghana Citizens' Budget publications (2022 and 2023 editions, translated by the Bureau of Ghana Languages).
Fields
| field | description |
|---|---|
twi |
Asante Twi sentence |
english |
English sentence |
year |
source publication year (2022 / 2023) |
qe_score |
P(correct translation) from ghananlpcommunity/twi-eng-qe-e5 |
anchor_sim |
lexical-anchor similarity from the structural aligner (shared numbers, retained English terms, length ratio) |
domain, source |
constant metadata |
For a high-precision subset, filter qe_score >= 0.9 (~189 pairs). Pairs with
qe_score < 0.7 were admitted on strong lexical anchors (anchor_sim >= 0.45);
spot-checks show these are mostly correct, number-dense sentences that the QE
model under-rates.
How it was built
The 2022 PDFs embed legacy Ghanaian fonts with broken ToUnicode maps, so the extracted text is a per-font substitution cipher — cracked with character quadgram statistics from the clean 2023 documents plus manual cribs, and digits cross-validated between the two language versions. Sentences were aligned with a monotone dynamic-programming aligner driven by lexical anchors, then filtered with the GhanaNLP Twi-English QE model. Full pipeline: https://github.com/michsethowusu/citizens-budget-aligned
The 2021 edition exists only as a scanned PDF; its OCR-derived pairs are excluded from this release (available as silver data in the GitHub repo).
Attribution
Source text © Government of Ghana, Ministry of Finance — Citizens' Budget publications; Twi translations by the Bureau of Ghana Languages. Alignment and curation by the GhanaNLP community.
- Downloads last month
- 42